Amuaye:Suura Al-Kaafiruun ɛne ne kyerɛaseɛ.
Me hyɛ ase wɔ Onyame din mu ahomɔborɔ hene ɔdɛɛfoɔ hene.
O ɔsomafoɔ ei! kasɛ!O! mo a moayi mo wura Onyankopɔn (Allah) boniayɛ e!.1 Mensom m'obosom a mosom no.2 Na mo nso monsom neɛ mesom.3 Na me nso mensom m'obosom a mosom no.4 Na mo nso monsom neɛ mesom.5 Mo wɔ mo som a mosom, na me nso me wɔ mesom a mesom.6 Suratul Al Kaafirun 1-6
Ɛnkyerɛkyerɛ
 
  1-O ɔsomafoɔ ei! kasɛ!O! mo a moayi mo wura Onyankopɔn (Allah) boniayɛ e!
 
  2-Mensom m'obosom a mosom no nnɛ na mensom wɔn daakye biara da.
 
  3-Na mo nso monsom neɛ mesom, ɔno ne Allah baako pɛ no.
 
  4-Na me nso mensom m'obosom a mosom no.
 
  5-Na mo nso monsom neɛ a mesom, ɔno ne Allah baako pɛ no.
 
  6-Mo wɔ mo som a mo ara ankasa moafiase ama mo ho, na me nso me wɔ mesom a Onyankopɔn (Allah) no asane ama me.